Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 2:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 2:3
54 Referencias Cruzadas  

Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set.


Awurade Onyankopɔn hunuu sɛ adasamma amumuyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko ara.


Awurade tee afɔdeɛ no a Noa bɔeɛ no hwam a ɛyɛ no, ɔkaa wɔ nʼakoma mu sɛ, “Ɛwom sɛ bɔne ahyɛ onipa akoma ma firi ne mmɔfraase deɛ, nanso merenni onipa akyiri nnome asase bio. Na merensɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu bio sɛdeɛ mayɛ yi.


Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu? Obiara nni hɔ.


Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?


Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.


Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ asoa.


nanso ɛnkyɛre koraa na ewiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn akoma mu. Yei enti, asɛm no ntumi nso aba biara.


wɔ honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.


Mo deɛ, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifoɔ firi ahyɛaseɛ. Ɔnni nokorɛ da, ɛfiri sɛ, ɔnyɛ ɔnokwafoɔ. Sɛ ɔdi atorɔ a, ɛnyɛ nwanwa ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ.


Ɛno enti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afideɛ a ɛfiri wɔn akoma mu, ɛno enti, wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwudeɛ nso.


Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom.


Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntoma a mofira, na morempɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɔhonam pɛ.


Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn.


Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa.


Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu.


Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ɛwuiɛ no so na amma mo anyɛ bɔne.


Menim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ.


Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn.


Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ wokorɔn sene afoforɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn enti na wode hoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ akyɛdeɛ?


Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti, momma yɛnte yɛn ho mfiri biribiara a ɛgu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa nte yɛn ho kronn.


Nanso, Atwerɛsɛm no aka sɛ, ewiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno enti, akyɛdeɛ a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wɔgye di no.


na anka mote mu, ɛberɛ a na modi ewiase ne ewiem sodifoɔ ahennie akyi no ne honhom a seesei ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.


Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho.


Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho enti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso.


Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokorɛ a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, morenni ho awerɛhoɔ te sɛ wɔn a wɔnni anidasoɔ no.


Ɛno enti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase.


Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu.


Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn.


Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so.


Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase.


Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri nnebɔneyɛfoɔ ho.


Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam akɔnnɔ, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase.


Nanso, mmara a meretwerɛ abrɛ mo yi yɛ foforɔ na emu nokorɛ no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Esum no retwam na hann papa no gu so rehyerɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios