Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 hyɛ too hɔ sɛ, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 hyɛ too hɔ se, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Oyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu, sɛnea ne pɛ anisɔ te,

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:5
32 Referencias Cruzadas  

“Mʼankasa mekaa sɛ, ‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma na mama mo asase a ɛyɛ, agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’ Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’ na monnane mo ho mfiri mʼakyi.


Nanso, woka kyerɛ me sɛ: ‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,


Asase so nnipa nyinaa, wɔmmu wɔn hwee. Ɔde ɔsoro tumi yɛ deɛ ɔpɛ biara. Na nnipa a ɛwɔ asase so mu biara ntumi nsi no ɛkwan anaa ɔmmisa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔayɛ yi?”


“Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’


Yosef ne Maria anhyia da kɔsii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”


Aane, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.


Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di sɛ mmɔfra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.


Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.


“Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma


na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn.”


Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ.


Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso.


Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn,


Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa.


Na, “Mɛyɛ mo Agya, na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa.” Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.


Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no.


Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ,


Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn sɛ,


ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.


Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu.


Yei enti na daa yɛbɔ mpaeɛ ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi ntena ase mma asetena a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no. Ɔnnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛdeɛ ne biribiara a mo gyidie bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa.


Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.


Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri sɛ ɛnnim Onyankopɔn.


Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios