Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:10 - Asante Twi Nkwa Asɛm

10 ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɔde kyerɛɛ sɛ ɛberɛ awie duro sɛ wɔbɛka nnoɔma nyinaa abɔ mu bio Kristo mu, mekyerɛ deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔde kyerɛɛ sɛ ɛberɛ awie duro sɛ wɔbɛka nnoɔma nyinaa abɔ mu bio Kristo mu, mekyerɛ deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:10
29 Referencias Cruzadas  

Ahempoma remfiri Yuda nsam, na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam, kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.


“Saa ahemfo no adedie mu no, Ɔsoro Onyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenaseɛ a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ɛbɛdwɛre ahemman ahodoɔ yi nyinaa de wɔn aba awieeɛ, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina afebɔɔ.


“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi “Dawid efie a abubu no bio. Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,


Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.


Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu;


Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”


Yeinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛsoɔ maa afoforɔ. Na wɔtwerɛ guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Ɛfiri sɛ, yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛre na ɛberɛ no aba awieeɛ.


Na mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn.


Nanso, mmerɛ pa no duruiɛ no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbaa woo no Mmara ase


Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no,


Ɔnam ne onipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ baako na ɔde asomdwoeɛ aba.


ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so.


Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm,


Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso.


Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.


Esiane saa enti, amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ, twetiatwafoɔ ne momonotoyɛ, awudifoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu.


Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea.


ɛfiri sɛ, Onyankopɔn wɔ tirimupɔ papa bi ma yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbom anya bɔhyɛ no.


Wɔde nnuane, anonneɛ ne nneɛma ahodoɔ a wɔde dwira wɔn ho na ɛdi dwuma no. Yei yɛ ɔhonam fam nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma kɔsi ɛberɛ a nhyehyɛeɛ foforɔ bɛba.


Ansa na wɔrebɔ ewiase no, na Onyankopɔn ayi no, na mo enti na nna a ɛdi akyire no, wɔdaa no adi.


Wɔtoo dwom foforɔ sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma no na wote ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔkumm wo, na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios