Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Efesofo 1:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn, Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn, Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo:

Ver Capítulo Copiar




Efesofo 1:1
27 Referencias Cruzadas  

Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho. Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ.


“Nanso deɛ ɔdi nokorɛ wɔ kakra bi ho no bɛdi nokorɛ wɔ pii ho; na deɛ ɔnni nokorɛ wɔ kakra bi ho no, rentumi nni nokorɛ wɔ pii ho.


Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ.


Wɔduruu Efeso no, Paulo gyaa Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔkasaeɛ.


Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane aba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso.


Anania buaa sɛ, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ha a ɔha wʼakyidifoɔ wɔ Yerusalem no.


Nnwoma yi firi me, Paulo, Yesu Kristo ɔsomfoɔ a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafoɔ a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.


Ɛno enti, meretwerɛ mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Enti, afɔbuo nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu


yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yɛhyira; wɔhwe yɛn a yɛgyina ano.


Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no.


Krataa yi firi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, Mede saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa:


Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no.


Ɛnam gyidie so enti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abom no.


Yɛnni Yudani anaa Helani, yɛnni akoa anaa ɔdehyeɛ, yɛnni ɔbarima anaa ɔbaa, na mo nyinaa yɛ onipa korɔ wɔ Kristo Yesu mu.


Abraham gye diiɛ, na wɔhyiraa no, na wɔn a wɔgye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛdeɛ wɔhyiraa no no.


Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no,


Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.


Nanso, afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.


Onyankopɔn nyanee yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu


Yɛn nua ɔdɔfoɔ, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ nokwafoɔ no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛdeɛ me ho teɛ ne dwuma a meredie.


Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.


Wɔbɛko atia Odwammaa no, na ɔno ne nʼakyidifoɔ, agyidifoɔ ne nokwafoɔ a wɔafrɛ wɔn no bɛdi wɔn so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Ɔhene.”


Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.


Menim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahennwa si. Wodi me nokorɛ; na ɛberɛ a wɔkumm Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios