Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yuda 1:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.

Ver Capítulo Copiar




Yuda 1:3
44 Referencias Cruzadas  

Enti mekɔɔ wɔn so kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tinwi. Mema wɔkaa ntam wɔ Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nni aware.


Nanso Awurade begye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagye; wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio kosi daapem.


“Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.


“Wosiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atoro; Ɛnyɛ nokware so na wɔnam di yiye wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wonnye me nto mu,” Awurade na ose.


kyerɛɛ mu, dii adanse sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.”


Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafo no guu wɔ bagua mu, nam Kyerɛwsɛm no so daa no adi pefee sɛ Yesu ne Agyenkwa no.


Efisɛ mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhintaw mo.


Paulo kae se, “Ɛsɛ sɛ muhu sɛ Onyankopɔn nkwagye no adu amanamanmufo no nkyɛn. Wobetie!”


Ɔno nko ara mu na nkwagye wɔ; efisɛ din biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.”


Nnipa pii gyee asɛm no di maa wɔn mu dodow no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafo no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no dii.


Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne haw a ɔhaw wʼakyidifo wɔ Yerusalem no.


Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee.


Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se


Yɛamma wɔn mu kwan koraa, esiane pɛ a na yɛpɛ sɛ nokware a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu no nti.


Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa yɛ nnipa koro wɔ Kristo Yesu mu.


Monhwɛ nkyerɛw akɛse a mede mʼankasa me nsa akyerɛw abrɛ mo.


Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn, Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo:


Sɛ wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so a, na moayi awudi no ho afɔbu afi mo atenae hɔ.


Awurade de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me.


Saa nhoma yi fi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn, Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefo ne ahwɛfo ne asomafo a wɔwɔ Filipi no nyinaa:


Mprempren, ade a ɛho hia me ne sɛ biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ yehyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mugyina pintinn na mukura botae koro ne gyidi koro wɔ Asɛmpa no ho.


De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.


Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no.


Afei me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakode,


Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo.


So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa yɛ nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de wɔ Kristo Yesu mu no mu.


Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu: Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!


Anuanom, mesrɛ mo sɛ monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ saa krataa a makyerɛw mo yi nyɛ tenten biara.


Nanso me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba.


Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na midi adanse se eyi yɛ Onyankopɔn adom kann. Munnyina mu dennen.


Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn, Ɔde rekɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no:


Sɛ anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no.


Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo nua na ɔkyerɛw krataa yi, Ɔde kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo bammɔ mu:


Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo no kae.


Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,


Yɛn nuanom no nam Oguamma no mogya so ne nokware a ɔdaa no adi no so dii ne so nkonim. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ na wɔawuwu.


Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios