Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yohane 1:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.

Ver Capítulo Copiar




Yohane 1:3
20 Referencias Cruzadas  

Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Onyankopɔn kae se, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so no so.”


Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.


Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.


na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn. Anigye hyɛɛ me ma daa na midii ahurusi wɔ nʼanim bere biara,


Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adesamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu; nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.


Na sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa, mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so, ɔka se: “Mene Awurade, na obi nni hɔ.


Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no.


Mfiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.


Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ ade nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ ade nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.


na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu wɔ mfe bebree a atwa mu no mu no.


Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu.


Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso.


“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se: Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no sodifo no nkyɛn.


“Yɛn Awurade ne Nyankopɔn, wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios