Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 127:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a efi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ, AWURADE agyapadeɛ ne mma, na yafunu mu aba yɛ akatua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 127:3
22 Referencias Cruzadas  

Wobehyira mo yafunu mu aba, ne mo nsase so nnɔbae, ne mo nyɛmmoa, nantwimma ne nguamma.


Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na Awurade ayɛ mʼabisade ama me.


Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.


ka kyerɛɛ me se, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefo ayɛ ɔman kɛse. Mede saa asase yi bɛma wʼasefo afebɔɔ sɛ wɔn agyapade.’


Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.” Obuae se, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.”


Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.”


Wohyiraa Rebeka se, “Onuabea, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefo no nni wɔn atamfo nyinaa so nkonim.”


Na me mmabarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, oyii Salomo sɛ ɔntena Awurade ahenni agua no so nni Israel so.


Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam; wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra.


Adam de ne ho kaa ne yere Hawa ma onyinsɛn, woo abarimaa a wɔfrɛ no Kain. Na ɔkae se, Awurade adaworoma, mawo ɔbabarima.


Awurade bɛma mo yiyedi a ɛboro so–mo yafunu mu aba, nyɛmmoa mma ne mo asase so nnɔbae—wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma mo no so.


Na ɔwɔ mmabarima aduasa ne mmabea nso aduasa. Ɔmaa ne mmabea no wareware fii mmusua foforo mu. Ne mmabarima no de, ɔfaa mmabun aduasa fii mmusua foforo mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfe ason.


Na nea ɔto so asia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima. Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.


Ulam mmabarima nyinaa yɛ akofo a wɔakwadaw akodi mu, wɔyɛ agyantowfo antoamfom. Na wɔwɔ mma ne nananom bebree a na wɔn nyinaa dodow yɛ ɔha aduonum. Eyinom nyinaa yɛ Benyamin asefo.


Na ɔwɔ mmabarima baason ne mmabea baasa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios