Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 127:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɛ wosɔre anɔpahema na wotena kosi anadwo, na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye moahome papa biara, mpo anadwo brɛ. Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi. Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ mpo berɛ a wɔadeda.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Kwa ara na motua ahema sɔre na monnye moahome papa biara, mpo anadwo brɛ. Na mobrɛ ansa na moanya aduane adi. Nanso AWURADE siesie de ma n’adɔfoɔ mpo berɛ a wɔadeda.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo, ansa na woanya wʼano aduane. Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔkwa ara na mosɔre anɔpahema na monnye mo ahome mpo anadwo bere, na mobrɛ ansa na moanya aduan adi. Nanso AWURADE na osiesie ma n’adɔfo mpo bere a wɔadeda no.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 127:2
17 Referencias Cruzadas  

Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu.


Metɔ hɔ na meda a, minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.


Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, efisɛ wo nko ara, Awurade, na woma metena dwoodwoo. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.


Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.


Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.


Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.


Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; onni ɔbabarima anaa onuabarima. Nʼadwumaden amma nʼawie da, nanso nʼani ansɔ nʼahonya. Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no, na adɛn nti na mede anigye kame me kra?” Eyi nso yɛ ahuhude, ɛyɛ ɔhaw kwa.


Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee, nanso ɔdefo ahonya dodow nti ontumi nna.


Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia, nanso nʼakɔnnɔde mmee no da.


Minyanee, na mehwɛɛ me ho hyiae. Medaa hatee.


“ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛnea wobetumi atena sare so na wɔadeda kwae mu asomdwoe mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios