Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 127:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wɔsie yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kuro no a, ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 127:1
35 Referencias Cruzadas  

Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoe apam.


Enti fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”


Afei, Dawid toaa so se, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadi no kɛseyɛ ntu wo bo, efisɛ Awurade Nyankopɔn, me Nyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo huammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadi biara a ɛfa Awurade Asɔredan no si ho no, wobewie no pɛpɛɛpɛ.


Ma me babarima Salomo koma nyinaa mu ɔpɛ pa, na onni wʼahyɛde, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na onsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa no.”


Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ogye me so.


Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me mmoa fi bɛba?


Me ne wɔn a wosee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.


Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahengua si ɔsoro.


Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka,


Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion, a ɛnwosow na etim hɔ daa no.


Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.


Ao, Onyankopɔn, fa wʼatɛntrenee dom ɔhene no, na fa wo trenee ma ɔhene babarima.


Osii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a etim hɔ daa.


Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu, nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntu.


Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase: Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hare anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo, aduan mma onyansafo nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ, na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn; nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.


Awɛmfo no huu me bere a wɔrebɔ aprɔw wɔ kuropɔn no mu. “Moahu nea me koma da no so no ana?”


Awɛmfo no huu me bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; woyii mʼatade kɔe; saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no!


Me, Awurade, mehwɛ so; migugu so nsu bere biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛnea obiara rensɛe no.


Israel awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso dae, nna yɛ wɔn dɛ.


Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa,


Mompagyaw frankaa bi ntia Babilonia afasu! Mummia bammɔ mu, momma awɛmfo no nnyinagyina. Munsiesie ahintawee! Awurade bɛma nʼatirimpɔw aba mu, nea wahyɛ atia Babilonia no.


Abɔfo didi so na asomafo didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amanneɛ se, wɔafa ne kuropɔn no,


Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka, na mo nso munni asɛm biara a mubegye adi.


Obi a oduae ne obi a oguguu so nsu no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, efisɛ ɔno na ɔmaa afifide no nyinii.


Misuro sɛ ɔkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho.


Daa monkae sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so.


Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene se, “Anadwo yi ara, Israelfo no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios