Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:9 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Wuhuu amane ne awerɛhow a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su fi Po Kɔkɔɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Wohunuu amane ne awerɛhoɔ a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su firi Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na wohuu yɛn agyanom amanehunu Misraim, na wutiee wɔn sufrɛ Mmɛw-Po ano.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:9
8 Referencias Cruzadas  

Bere a Israelfo huu tumi a Awurade ada no adi de atia Misraimfo no, wosuroo Awurade, na wogyee Awurade ne nʼakoa Mose dii.


Onyankopɔn hwɛ huu sɛ bere adu sɛ ogye wɔn.


“Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no daa ne ho adi kyerɛɛ me, kae se: Mawɛn mo na mahu nea wɔde ayɛ mo wɔ Misraim.


Saa da no, mekaa wɔn ntam se meyi wɔn afi Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, asase nyinaa mu nea ɛyɛ papa pa ara no.


Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’


Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wobefi saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios