Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Odii wo nokware no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfo, Hetifo, Perisifo Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma ɔne nʼasefo. Na wudii wo bɔhyɛ so, efisɛ daa wudi wʼasɛm so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔdii wo nokorɛ no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma ɔne nʼasefoɔ. Na wodii wo bɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, daa wodi wʼasɛm so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:8
39 Referencias Cruzadas  

Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti Abram sii afɔremuka wɔ hɔ, de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.


Abram gyee asɛm a Awurade kae no dii. Ne saa nti, Awurade buu no onipa trenee.


Awurade bɔfo no kae se, “Mfa wo nsa nka abofra no. Nyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔba, wo ba koro no ankame me no nti, mahu sɛ wusuro Onyankopɔn.”


“Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ nkatabo ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.


Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,


Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.


Awurade, Israel Nyankopɔn, woyɛ ɔtreneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaefo a wɔafi nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdi gyina wʼanim a anka yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim wɔ saa tebea yi mu.”


Bere biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛse a wotwe yɛn aso sɛnea ɛsɛ wɔ so.


Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni; ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.


Mehyɛ bɔ sɛ meyi mo afi mo awerɛhow mu wɔ Misraim de mo akɔ asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so nnɛ yi a ɛwo ne nufusu wɔ so no so.’


Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so.


“Onipa ba, nnipa a wɔtete saa nnwiriwii so wɔ Israel asase no so no reka se, ‘Abraham yɛ onipa baako, nanso onyaa asase no nyinaa. Nanso yɛdɔɔso, na nokware wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’


Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.”


Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?


Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’


na monkɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, “Meda no adi nnɛ akyerɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ Awurade de me aba asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no so.”


Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni, na nʼakwan nyinaa ye. Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso, Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.


Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so, na ɔpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim, a wɔyɛ Hetifo, Girgasifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔwɔ so na wɔyɛ den sen mo,


Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, Awurade, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma.


wɔ nkwa a enni awiei ho anidaso a Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn ho bɔ ansa na ɔrefi wiase ase;


Gyidi nti Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔre bere a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛe. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre.


Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenso yɛn anidaso no mu yiye.


Enti Yosua faa asase no nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfo sɛ wɔn agyapade sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuw no. Enti awiei no asase no so dwoe.


Kanaan ahemfo a wɔwɔ apuei ne atɔe; Amorifo ahemfo ne Hetifo ahemfo ne Perisifo ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifo mmepɔw asase so; ne Hewifo a wɔwɔ nkurow a ɛwɔ Hermon bepɔw ase wɔ Mispa asase so.


“Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu!


Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. Eyinom ne Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo ahemfo a na wɔtete mmepɔw nsase a ɛwɔ atɔe fam mmepɔw no ase ne Po Kɛse no mpoano kosi Lebanon atifi fam mmepɔw no so tɔnn.


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios