Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu soro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfo nyinaa som wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Esra kaa sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Esra kaa sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne deɛ ɛwɔ soɔ nyinaa, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Na wo na wohwɛ wɔn nyinaa so, na ɔsoro asafo no, wo na wɔsɔre woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu ɔsoro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa som wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:6
43 Referencias Cruzadas  

Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa.


Eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa.


Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!” Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase.


Mikaia toaa so se, “Tie nea Awurade ka. Mihuu Awurade sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.”


“Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo.


Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se, “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.


Afei, Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ wo nko ara, Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”


Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka.


Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.


Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa, nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde.


Awurade nhyira wo, ɔsoro ne asase Yɛfo no.


Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfo no.


Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo, po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafo daa no.


Hena ne saa anuonyam Hene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne anuonyam Hene no.


Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.


Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse. Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun. Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.


Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.


“Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.


Afei Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ, wo nko ara, Awurade, ne Onyankopɔn.”


“Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,” sɛɛ na Awurade se, “Sɛnea mubehu na moagye me adi na moate ase sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma.


“Sɛɛ na Awurade Israelhene ne Ogyefo, Asafo Awurade se: Mene odikanfo ne okyikafo; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.


Mommma mo ho mpopo, munnsuro. Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana? Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana? Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.”


Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adesamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu; nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.


“Ao, Otumfo Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo.


Mede me nhyehyɛe maa wɔn na mema wohuu me mmara, efisɛ obiara a odi so no nam so benya nkwa.


Obuae se, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a, ɔbɔɔ po ne asase.”


Me ne Agya no yɛ baako.”


Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔade a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu,


Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, de.


“Afei, munhu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mikum na mema nkwa: Me na mipira, na mɛkyekye, na obi rentumi nnye mfi me nsam.


Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro.


Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.


Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”


Ɔteɛɛ mu se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ bere no adu sɛ obu adesamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ ɔsoro, asase, po ne asuti no!”


“Yɛn Awurade ne Nyankopɔn, wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios