Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:5 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:5
36 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se,


“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so.


Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaw ne nsa kyerɛɛ ɔsoro wɔ Awurade afɔremuka no anim wɔ Israelfo no nyinaa anim.


“Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo.


Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.


Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam, nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de, Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de. Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.


Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.


Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.


Bere a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkokoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no.


Na Lewifo a wofi Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyina teɛɛ mu dennen sɔree Awurade, Israel Nyankopɔn.


Wɔde nkamfo ne aseda too saa dwom yi maa Awurade se: “Oye, Na nʼadɔe wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfo no nyinaa teɛɛ mu ahoɔden so, de kamfoo Awurade, efisɛ Awurade asɔredan fapem no, wɔato.


Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.


Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu soro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfo nyinaa som wo.


kae se, “Adagyaw na mede fi me na yam bae, na adagyaw na mede bɛsan akɔ. Awurade de mae, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!”


Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a Awurade ayɛ? Anaasɛ obetumi aka ne nkamfo awie?


Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa.


Da biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa.


Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.


Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa; mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi.


Meka kyerɛɛ Awurade se, “MʼAwurade ne wo; minni ade pa biara ka wo ho.”


Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ!


Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no, ɔyɛ ɔkronkron.


Hena na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo? Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu; nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam, Ɔnwonwani Nyankopɔn.


Wo nsa nifa, Awurade, tumi ne anuonyam ahyɛ no ma; wo nsa nifa, Awurade, atetew atamfo mu pasaa.


se, “Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.


Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa nokware no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa.


Onyankopɔn a ɔkae se, “Hann mfi sum mu nhyerɛn” no, ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn koma mu ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.


Sɛ moanni mmara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa so pɛpɛɛpɛ, na moanni saa onuonyamfo ne ɔnwonwani Awurade, mo Nyankopɔn no, no din ni a,


Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim,


Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na wubisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente ase.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios