Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:16 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Nanso, yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛdeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:16
33 Referencias Cruzadas  

Nanso Israelfo no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Nyankopɔn, anni.


Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no.


Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so.


Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua wɔ bere a na waka ntam adi nsew wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, obedi no nokware. Na Sedekia yɛ kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Nyankopɔn ho.


Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade kyerɛɛ Farao, nʼasomfo ne ne manfo nyinaa, efisɛ na wunim nhyɛso kwan a na Misraimfo no de wɔn fa so. Wowɔ anuonyam a ahyeta a ani mpa so da.


“Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsan mmedi wo mmara no so, nanso wɔyɛɛ ahomaso ne asobrakye a wɔanni wʼahyɛde no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a wɔnam so benya nkwa no so. Wɔnam ahomaso so, dan wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wobetie wo.


Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.


“Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi, Israel, sɛ mubetie me a!


“Sɛ mubetie Awurade mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene Awurade a mesa mo nyarewa.”


Awurade kae se, “Mahu sɛnea saa nnipa yi si yɛ asoɔden na wɔsan yɛ atuatewfo fa.


Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru.


Sɛ mudii mʼahyɛde so a, anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten, na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.


Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa mo kɔn ho ntin yɛ dade na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae.


Nanso wɔtew atua de how ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn tamfo na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.


“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Muntie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, efisɛ wɔyɛɛ asoɔden, na wɔantie me nsɛm.’ ”


“Mo nnɛmmafo, munnwen Awurade asɛm ho: “Mayɛ sɛ, nweatam ama Israel ana? Anaasɛ asase a so aduru sum kabii ana? Adɛn nti na me nkurɔfo ka se, ‘Yɛwɔ ho kwan sɛ yekyinkyin; yɛremma wo nkyɛn bio.’


Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom de so.’


Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so.


“Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan.


Nanso esiane wo komaden ne komapirim nti, woboaboa abufuwhyew ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuwhyew da no, da no a ɔbɛda nʼatɛntrenee adi no.


Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moatew Awurade so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew!


Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden; aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee. Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam; wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.


Ao, sɛ daa wobenya koma sɛnea ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛde nyinaa so a, anka ebeye ama wɔn ne wɔn asefo nyinaa afebɔɔ.


Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara.


Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob.


Monte ase sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo nti na Awurade, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.


Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no.


Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios