Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:11 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wopaee po mu maa wo nkurɔfo, sɛnea wobetumi afa asase wosee so. Na wusum wɔn atamfo guu po bun mu. Wɔmemem sɛ abo wɔ bun a emu dɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu wɔn anim, maa wɔfaa ɛpo no mu, asase pɛsɛɛ so, na wɔn a wɔtii wɔn no deɛ, wotoo wɔn guu abunu no mu, sɛdeɛ wɔto ɔboɔ twene nsuo a emu dɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wopaee ɛpo mu maa wo nkurɔfoɔ, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa asase wesee so. Na wopuaa wɔn atamfoɔ guu ɛpo bunu mu. Wɔmemem sɛ aboɔ wɔ nsubunu a emu dɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu, wɔn anim ma wɔfaa ɛpo no mu, asase kesee so, na wɔn a wotiw wɔn no de, wotow wɔn guu abun no mu, sɛ wɔtow ɔbo kyene nsu a emu dɔ mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:11
16 Referencias Cruzadas  

Ɔmaa po yɛɛ asase kesee; wɔnantew twaa nsu no mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu.


Ɔkyɛɛ po mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsu no gyinaa sɛ afasu.


Awurade bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!”


Wɔn nteaseɛnam no nan tutui, enti na wontumi nkɔ bio. Enti Misraimfo no kae se, “Momma yenguan mfi Israelfo anim, efisɛ Awurade reko ama wɔn na yɛn de, ɔreko atia yɛn.”


Israelfo no nantew faa asase wosee a nsu yɛ ɔfasu wɔ benkum ne nifa no so.


Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ.


Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nenanom a wodii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoe mu.


Gyidi nti na ɛmaa Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ sɛnea wɔnam asase kesee so no. Misraimfo no pɛɛ sɛ wotwa bi no, asu no bu faa wɔn so.


Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene, a wɔrenhu no bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios