Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 9:10 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade kyerɛɛ Farao, nʼasomfo ne ne manfo nyinaa, efisɛ na wunim nhyɛso kwan a na Misraimfo no de wɔn fa so. Wowɔ anuonyam a ahyeta a ani mpa so da.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofoɔ nyinaa so, na wohunuu sɛ wɔadi yɛn agyanom so ahantansɛm; na wogyee din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ kyerɛɛ Farao, nʼasomfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, na wonim nhyɛsoɔ ɛkwan a na Misraimfoɔ no de wɔn fa so. Wowɔ animuonyam a ahyeta a ani mpa so da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofo nyinaa so, na wuhui sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wugyee din sɛ ɛte nnɛ yi.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 9:10
32 Referencias Cruzadas  

“Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so.


“Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsan mmedi wo mmara no so, nanso wɔyɛɛ ahomaso ne asobrakye a wɔanni wʼahyɛde no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a wɔnam so benya nkwa no so. Wɔnam ahomaso so, dan wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wobetie wo.


Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so.


Afei, mahu sɛ Awurade yɛ ɔkɛse sen onyame foforo biara, efisɛ wayɛ eyi ama wɔn a wɔde ahantan di wɔn so no.”


Enti mɛteɛ me nsa na mede anwonwade ahorow a mɛyɛ wɔ wɔn mu no nyinaa atia wɔn. Ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ.


Farao bisae se, “Hena ne Awurade a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ.”


Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mayɛ wo sɛ Onyankopɔn ama Farao na wo nua Aaron nso bɛyɛ wo diyifo.


Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa.


Woahu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Ɔkwan da wʼasom, nanso wonte hwee.”


nea ɔsomaa nʼanuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ommegyina Mose nsa nifa so no, nea ɔpaee asu no mu wɔ wɔn anim, de gyee din maa ne ho afebɔɔ no,


te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so, Awurade Honhom ma wɔhomee. Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwan de gyee anuonyam abodin maa wo ho ni.


Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ.


Nanso me din nti meyɛɛ nea ɛremma wonngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a miyii me ho adi kyerɛɛ Israelfo wɔ mu, de yii wɔn fii Misraim no.


Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase.


Woama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a esisi wʼanim a wɔfa fii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitiriw ne wo yerenom ne wo mpenanom anom mu nsa, bere a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua ne ɔbo anyame a wonhu ade, na wɔnnte asɛm, na wonnim hwee koraa no. Na moamfa nidi amma Onyankopɔn a okura mo nkwa na odi mo nkrabea so no.


“Awurade yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso.


Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no, dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no.


Kyerɛwsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao se, “Eyi ara nti na misii wo hene nam so daa me tumi adi, sɛnea ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.”


So onyame foforo bi nam ogye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa, ɔko, tumidi ne ahodwiriwde so agye ɔman bi afi ɔman foforo bi nsam afa sɛ ne de, sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a na mo ani tua no?


Mode mo ankasa mo ani huu amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm a ɛbaa wɔn so, tumi nsa ne abasa a wɔatrɛw mu a Awurade, mo Nyankopɔn, nam so yii mo fii hɔ no. Nnipa a musuro wɔn mprempren no, Awurade Nyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɔkwan koro no ara so.


Saa ara na ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmabun no, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkataanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan na ɔdom ahobrɛasefo.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios