Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no kofee, na wɔkyerɛɛ aseɛ maa wɔtee ne kenkan no ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔkenkann Nyankopɔn mmara nwoma no kofee, na wɔkyerɛɛ aseɛ maa wɔtee ne kenkan no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔkenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu kyerɛɛ wɔn deɛ wɔkenkan no ase, boaa ɔmanfoɔ no ma wɔtee twerɛpɛn biara ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:8
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo ne asɔfo ne adiyifo a efi akumaa so kosi ɔkɛse so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan Apam Nhoma a wɔahu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Mikyia mo nyinaa. Krataa a mokyerɛwee no, wɔakyerɛ ase, akenkan akyerɛ me.


Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.


Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ.


Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui.


Wɔkenkan Awurade, wɔn Nyankopɔn, mmara nhoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abiɛsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisonnidiso a na wɔresom Awurade, wɔn Nyankopɔn.


Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afi adi.


Afei, Awurade buae se, “Kyerɛw adiyi yi wɔ ɔbopon so ma mu nna hɔ pefee na ama ɔkenkanfo ate ase.


Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.


Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”


Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase.


Wɔhyɛɛ da bi sɛ wobehyia Paulo. Saa da no dui no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifo no kae no so kaa Yesu ho asɛm fi anɔpa kosii anadwo kyerɛɛ wɔn pɛɛ sɛ ɔdan wɔn adwene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios