Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:7 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:7
27 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se,


Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran wɔ ɔkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.


Ɔhyɛɛ Lewifo a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel no se, “Esiane sɛ mprempren Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa wɔ mo mmati so de adi akɔneaba nti, momfa mo mmere nsom Awurade, mo Nyankopɔn ne ne nkurɔfo Israel.


Esiane sɛ Onyankopɔn adom nsa wɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmabarima ne ne nuabarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafo a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni,


Hodia, Hasum, Besai,


Seraia, Asaria, Yeremia,


ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so;


Aponanohwɛfo no ni: Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano.


na Asaria, Ɛsra, Mesulam,


Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so.


Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no.


Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no.


Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.


Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no bɔ gyee so se, “Amen! Amen!” bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som Awurade a wɔn anim butubutuw fam.


Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase.


Wɔkenkan Awurade, wɔn Nyankopɔn, mmara nhoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abiɛsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisonnidiso a na wɔresom Awurade, wɔn Nyankopɔn.


Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.


na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a Awurade nam Mose so de ama mo no nyinaa.”


“Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafo.


Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo. Wɔde aduhuam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios