Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no bɔ gyee so se, “Amen! Amen!” bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som Awurade a wɔn anim butubutuw fam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmemaa wɔn nsa so; na wɔkoto sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuu fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuw fam.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:6
30 Referencias Cruzadas  

Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se,


Na ɔsomfo no buu nkotodwe, sɔree Awurade Nyankopɔn se,


Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.


Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Awurade, yɛn agya Israel Nyankopɔn, ayeyi nka wo daa nyinaa.


Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.


Na ɔhene Yehosafat sii ne ti ase, na Yuda ne Yerusalem manfo no nyinaa nso yɛɛ saa, de som Awurade.


Nanso mprempren, me ne Awurade, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so.


Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigye kamfoo Awurade, na wɔkotow sɔree.


“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ ɔka kyerɛɛ mʼagya se,


Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!” Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.


Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ.


Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade.


Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam; ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.


Tie me mmɔborɔsu bere a mefrɛ wo apɛ mmoa, bere a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.


Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, nnɛ ne daa nyinaa. Amen! ne Amen! Wɔde ma dwonkyerɛfo.


Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛma me nsa so.


Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn kɛse, ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so.


mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’ ” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree.


ma wogye dii. Na wɔtee sɛ Awurade dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no.


Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu.


Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:


Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew ɔhyew afɔrebɔde no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Na nnipa no huu eyi no, wɔn nyinaa teɛteɛɛ mu butubutuw fam wɔ Awurade anim.


Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”


Nnyaa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’


Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no betumi agye wʼaseda mpae no so se, “Amen” bi? Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate nea woreka no ase.


Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn.


Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔn nsa a ɛho tew so, nea abufuw ne akyinnye nni mu, na wɔbɔ mpae.


Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim,


Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios