Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:2
14 Referencias Cruzadas  

wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so.


Da no ara, bere a wogu so rekenkan Mose Nhoma no, ɔmanfo no huu asɛm bi a ɛka se, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn aguabɔ ase.


Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no wɔ afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.


Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui.


Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so aduasa baako no, ɔmanfo no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, furaa atweaatam, tuu mfutuma petee wɔn tirim.


“Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no? Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no? Mmofra a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?


“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ mohome da no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn torobɛnto denneennen de kae.


“Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafo.


“ ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan wɔ afe biara mu no, munni torobɛnto afahyɛ no. Monyɛ nhyiamu kronkron no na obiara nyɛ adwumaden biara.


Efi tete na wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu wɔ Homeda biara, na wɔka ho nsɛm nso wɔ kurow biara mu.”


Sɛ ɔtena ahengua no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw saa mmara yi wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ Lewifo asɔfo anim na ɔfa.


Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmea, mmofra ne ahɔho a wɔne Israelfo no te no nso ka ho bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios