Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:12 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:12
25 Referencias Cruzadas  

Wɔde ahosɛpɛw didi nomee da no wɔ Awurade anim. Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛw sɛ wɔn hene foforo. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn sɔfo.


Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no yɛ ahoɔden.”


Na Lewifo no nso kasae se, “Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron” de dwudwoo wɔn.


Na ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so akron no, mmusua ntuanofo no ne asɔfo no ne Lewifo no ne Ɛsra hyiae sɛ, wɔrehwehwɛ mmara no mu fekɔfekɔ.


Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no.


Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho, mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.


Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ; ɛma me koma ani gye.


Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm sen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa,


Wo nsɛm asete ma hann; na ɛma ntetekwaa nya ntease.


Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so, sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.


Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase.


Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; efisɛ wokyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.


Awurade, mʼani agyina wo nkwagye, na wo mmara yɛ mʼanigyede.


Mmara a efi wʼanom no som bo ma me sen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem.


Ao, medɔ wo mmara no yiye! Midwinnwen ho da mu nyinaa.


Wo nsɛm bae no, midii; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.


Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”


Minim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Efisɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye nanso mintumi nyɛ.


Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios