Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 8:10 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no yɛ ahoɔden.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no yɛ ahoɔden.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 8:10
32 Referencias Cruzadas  

Afahyɛ no twaa mu no, Salomo maa ɔmanfo no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛw ne ahotɔ, efisɛ Awurade ne ne somfo Dawid ne Israelfo adi no yiye.


Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia, ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.


Na Lewifo no nso kasae se, “Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron” de dwudwoo wɔn.


Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.


Enti ebesi nnɛ yi, Yudafo a wɔtete nkuraa a wɔntoo afasu mfaa ho no di saa afirihyia dapɔnna yi. Wodi afoofi saa awɔwbere da yi mu, sɛpɛw wɔn ho, de akyɛde mema wɔn ho wɔn ho.


Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no.


Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.


Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden, na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo.


Koma mu anigye yɛ aduru, ɛsa ɔyare, nanso honhom a abotow no yoyow nnompe.


Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu, wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.


Biribiara nsen sɛ onipa bedidi na wanom na wanya ahotɔ wɔ adwumayɛ mu. Eyi nso mihuu sɛ efi Onyankopɔn,


Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde.


Afei mihuu sɛ eye ma onipa sɛ obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa.


Enti kɔ, fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so.


Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo; maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano. Madi me wokyɛm ne ɛwo; manom me bobesa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi na monnom; Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ.


Na afei, Awurade kasa se, nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfo sɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no, wahyɛ me anuonyam wɔ Awurade ani so na me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.


Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso, me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi. Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me na ɔde trenee atade yuu awura me, sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo, ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.


Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu, efisɛ watɔ asusowsu ama mo, ne nokwaredi nti. Watɔ osu bebree ama mo wɔ ne bere mu te sɛ kan no.


Kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ nea wɔatew ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔre nyinaa bɛfa nkuku yi bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fi bio.


Monyɛ ahiafo adɔe na biribiara ho bɛtew ama mo.


Wɔn ahokyere mu no wɔn anigye boroo so, na wɔn hia mu mpo, wuyii ayamye kɛse kyerɛe.


Sɛ obi wɔ hɔ a osusuw sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a anka ɛyɛ me.


Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.


Bisa wo ara wʼasomfo na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ bere, ɛno nti, mesrɛ wo, ma wo nkoa ne wo ba Dawid biribiara a wo nsa bɛso so.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios