Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:73 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

73 Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so. Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

73 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

73 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

73 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so. Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

73 Na asɔfo ne Lewifo ne aponanohwɛfo ne nnwontofo no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:73
7 Referencias Cruzadas  

Enti wɔsan baa kurow no mu, bɛbɔɔ aponanohwɛfo no asɛm a asi no ho amanneɛ sɛ wɔakɔ Aramfo no nsraban mu, na na obiara nni hɔ; nnyigyei biara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfurum no ahama, na ntamadan no de, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ.


Wɔn a wɔsan ba bɛfaa wɔn agyapade wɔ wɔn nkurow dedaw mu no yɛ mpapahwekwa. Wɔne asɔfo, Lewifo ne asɔredan mu aboafo no bi na wɔbae.


Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.


Ɔsram a ɛto so ason mfiase a Israelfo abɔ atenase wɔ wɔn nkurow mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa koro wɔ Yerusalem.


Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,


Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios