Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:71 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

71 Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

71 Na agyanom atitire no mu binom maa adwuma no ho akoradeɛ sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ahanu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

71 Na agyanom atitire no mu binom maa adwuma no ho akoradeɛ sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ahanu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

71 Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

71 Na agyanom atitiriw no mu binom maa adwuma no ho akorade sika nsuruboaa ɔpeduonu, ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ahanu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:71
6 Referencias Cruzadas  

Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye, na ɛnyɛ nea wunni so.


nea ɔnhwɛ mmapɔmma anim na onyiyi adefo ne ahiafo mu, efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.


Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn ɔha aduɔwɔtwe awotwe, sika ankasa mpem du, dwetɛ bɛyɛ tɔn ahaasa aduɔson anum, kɔbere mfrafrae bɛyɛ tɔn ahansia aduɔson anum ne nnade bɛyɛ tɔn mpem ahaasa ahanson ne aduonum, de boaa Asɔredan no si.


Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530).


Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios