Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 7:7 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, Baana na ɛbaeɛ. Israel man mu mmarima dodoɔ nie:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, Baana na ɛbaeɛ. Israel man mu mmarima dodoɔ nie:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 a wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana bae no. Israel man mu mmarima dodow ni:

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 7:7
15 Referencias Cruzadas  

Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:


Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tiei, fitii ase sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.


Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,


Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra,


Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim, Yoiakim woo Eliasib, Eliasib woo Yoiada,


Sekania, Rehum, Meremot,


Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo.


enti ɔhene no bisaa me se, “Adɛn nti na wʼanim ayɛ bosaa nanso wonyare yi? Wosɛ obi a ɔhaw kɛse bi da ne so.” Ehu kɛse tɔɔ me so,


Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.


Abusuafo dodow ni: Paros asefo 2,172


Saa na na wɔn anim tete. Wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu kɔ soro; na wɔn mu biara wɔ ntaban abien abien, a mu biara si ɔfoforo de anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban abien nso katakata wɔn ho.


Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios