Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na krataa no mu nsɛm ni: “Gesem aka akyerɛ me se, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafo no repam atew atua; ɛno nti na woresiesie ɔfasu no. Nea ɛka ho ne sɛ, wopɛ sɛ wubedi wɔn so hene,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Wɔatwerɛ no emu sɛ: Wɔkeka no amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafoɔ redwene atuateɛ, ɛno nti na woreto ɔfasuo no yi, na wo nso worepɛ ɔhene adi, sɛdeɛ nsɛm yi teɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na krataa no mu nsɛm nie: “Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:6
16 Referencias Cruzadas  

Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”


Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea wɔn a wɔka kasa bɔne fa mo suban pa wɔ Kristo mu no ho no anim begu ase wɔ wɔn nseku no ho.


Ebinom nso bɛka se, “Ɛno de, momma yɛnyɛ bɔne sɛnea biribi pa befi mu aba!” Nnipa bi mpo ka se saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.


Yɛrebɔ wo amanneɛ sɛ, Yudafo a wofi Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie atuatewfo ne abɔnefo kurow no. Wɔato afasu no fapem dedaw, na ɛrenkyɛ na wɔawie.


Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wogu yɛn anim ase o, sɛ wɔyaw yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware.


Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmu agua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Nsɛmee, (a Hebri kasa mu no, ɛyɛ “Gabata”).


Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”


“Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so.


Mete asomsɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi no atɔ ne so were.”


Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hu sɛnea saa kurow yi yɛɛ atuatew kurow tete no. Nokware ni, wɔsɛee no, esiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛe sɛ wodi wɔn so no nti.


Ne mpɛn anum so no, Sanbalat somfo bae no na okura krataa a wɔakyerɛw.


na mpo, woayi adiyifo bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem se, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wugye to mu sɛ, saa asɛm yi beduu ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.”


Na wosusuw sɛ wobehunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me sobo, asɛe me din.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios