Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:2 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me se, minhyia wɔn wɔ nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tataw so hɔ. Nanso mihuu sɛ wɔrepam me ti so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetatraa no mu. Na wɔn deɛ, bɔne na wɔredwene no me ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me sɛ, menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu sɛ wɔrepam me tiri so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:2
15 Referencias Cruzadas  

Yoab bisaa no se, “Me nua, wo ho te dɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa soo nʼabogyesɛ mu, sɛ nea ɔrefew nʼano.


Afei, Abner san kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kosii ɔpon ano te sɛ nea ɔrekɔka kokoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so were no nti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu afoa ma owui.


Elpaal mmabarima yɛ: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne wɔn nkuraa no,


Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso.


Afei, asɔfo a wofifi amantam a atwa hɔ ahyia na wodi so.


enti memaa wɔn mmuae se, “Mereyɛ adwuma kɛse bi a merentumi nnyae mmehyia mo.”


Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.


Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefo na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;


Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo hwehwɛ sɛ wobekum wɔn,


Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.


Netania babarima Ismael ne ne mmarima du no a wɔka ne ho no sɔree na wɔde afoa wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nena ne nea Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so no kum no.


Me nkurɔfo ba wo nkyɛn, sɛnea wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim betie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn koma mu de, wɔn ani bere asisi mu adenya.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios