Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:16 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na yɛn atamfoɔ nyinaa teeɛ no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no suroe, na wɔtɔɔ sini wɔn ani so sɛ, na wɔhunuu sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wɔfiri bɛyɛɛ adwuma yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:16
16 Referencias Cruzadas  

Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn.


Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, “Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”


Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye.


Bere a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw,


Nanso Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Ɛno nti mitu mo fo se, munnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi fi onipa a, ebegu.


Nnome biara mmaa Yakob so ɛ, mmusu biara nni Israel so. Afei, wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’


Wɔn nteaseɛnam no nan tutui, enti na wontumi nkɔ bio. Enti Misraimfo no kae se, “Momma yenguan mfi Israelfo anim, efisɛ Awurade reko ama wɔn na yɛn de, ɔreko atia yɛn.”


Saa nnafua aduonum abien no mu no, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfo no ntam.


Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta, ɛbɛma me anigye, ayeyi ne anuonyam wɔ asase so aman a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wobesuro na wɔn ho apopo wɔ yiyedi ne asomdwoe bebrebe a mede ma no nti.’


“Minim sɛ Awurade de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa.


Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn koma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sɛɛ a, ɔbɛko. Na Awurade, mo Nyankopɔn no, ne otumfo Nyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro ne asase ase.


Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Awurade.


Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi.


Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommum ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios