Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 6:10 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Akyiri no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nena Semaia a ɔhyɛ ne fi na ɔnkɔ baabiara no. Ɔkae se, “Ma yenhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apon no akyi. Wʼatamfo reba abekum wo anadwo yi.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie, na ɔno deɛ, na wato ne ho pono mu. Na ɔkaa sɛ: Ma yɛnhyia Nyankopɔn fie asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apono mu, ɛfiri sɛ wɔreba abɛku wo. Anadwo na wɔbɛba abɛku woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi, na ɔno de, wato ne ho pon mu. Na ɔkae sɛ: Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo. Anadwo na wɔbɛba abekum wo.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 6:10
21 Referencias Cruzadas  

Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.


Asɔredan no fasu no akyi no nso, wosisii adan bebree bataa ho hyiae.


Yoas ne nea ogyigye no no hintaw wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.


Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahabfifo nyinaa fi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfo ne nea ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel.


Ɔhene no tasee nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa bubuu mu asinasin. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apon mu, sɛnea obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Osisii afɔremuka maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɔtwɔw so baabiara.


Afe a edi kan wɔ nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apon no, siesiee no.


Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea hɔ no.


Harim asefo mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.


Enti mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfo no ntuanofo no. Mesan soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ nimdefo no nso;


Mihuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛe no tia me, efisɛ Tobia ne Sanbalat abɔ no paa.


Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.


Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefo na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;


Nea onsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔtreneeni nam nimdeɛ so fi mu.


Afei Yeremia ka kyerɛɛ Baruk se, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu.


Afei Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔmaa me so gyinaa hɔ. Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔto wo ho pon mu wɔ wo fi.


“Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔre dan no apon mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔremuka so! Mʼani nsɔ mo na merennye afɔrebɔde biara a efi mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni.


“Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho.


Ɔdebɔneyɛni biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, efisɛ osuro sɛ ne nneyɛe bɔne no bɛda adi.


Wɔtee saa no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi kɔkyeree Paulo, twee no fii asɔredan no mu hɔ. Wɔtotoo asɔredan no apon no nyinaa mu ntɛm so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios