Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nhyiamu no ase no, meka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebetumi agye yɛn abusuafo Yudafo a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔho abosonsomfo no. Nanso moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Da biara na ɛsɛ sɛ yegye wɔn ana?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nhyiamu no ase, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛtumi agye yɛn abusuafoɔ Yudafoɔ a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔhoɔ abosonsomfoɔ. Nanso, moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Ɛda biara na ɛsɛ sɛ yɛgye wɔn anaa?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 na misee wɔn sɛ: Yɛn de, yɛagye yɛn nuanom Yudafo a wɔtontɔn wɔn maa amanaman no, sɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, motontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na wonhu asɛm a wɔde bebua.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:8
14 Referencias Cruzadas  

Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde.


mmapɔmma tɛm dinn, na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom.


“Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio; wɔn nsɛm asa.


“Obi a owia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wonkum no.


Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade, na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.


Ɔmaa ɔbaako sika nkotoku anum. Ɔmaa ɔfoforo nkotoku abien na ɔfoforo, kotoku baako, sɛnea obiara ahoɔden te.


Obiara a ɔwɔ no, wɔde bi bɛka ho ama no anya aboro so. Na obiara a onni no, nea ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.


Sɛ biribiara a wudi haw wo nua a, ɛno de na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no.


Yenim sɛ biribiara a ɛwɔ mmara no mu no, wɔkyerɛw maa wɔn a wɔhyɛ mmara no tumi ase. Mmara no ka eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyi, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase nyinaa di fɔ.


Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo “nimdeɛ” nti ɔbɛyera?


Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye, na ɛnyɛ nea wunni so.


Enti mmere dodow a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn bɔ gyidifo abusua.


Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na odi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ owifo no wu. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios