Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:7 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:7
25 Referencias Cruzadas  

Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa; na ananafo mfom nʼadwuma so aba.


Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?


nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da.


Me koma ka wɔ wo ho se, “Hwehwɛ nʼanim!” Wʼanim, Awurade na mɛhwehwɛ.


Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.


Hena na ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo ama me? Hena na ɔbɛsɔre atia abɔnefo ama me?


Mede mʼabufuw betia mo na mama atamfo dɔm akum mo na mo yerenom nso adan akunafo ama mo mma nso ayɛ ayisaa bi.


“Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara.


Animka a ɛda gua ye sen ɔdɔ a asuma.


Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo, na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.


Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose.


“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo Awurade asɛm ni.


“ ‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.


Suro wo Nyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho mfɛntom.


Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wudi bem wɔ asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu.


Enti ɛnsɛ sɛ yegyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo bere bi a atwam no na yegyina nnipa adwene so na yehu Kristo a, afei de, yɛrenyɛ saa bio.


Bere a Petro baa Antiokia no, mesɔre tiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ na ɔreyɛ mfomso.


Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim wɔ bagua mu na abɔ afoforo hu.


Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios