Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:5 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yɛfiri abusua korɔ mu, na yɛn mma te sɛ wɔn deɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yɛanya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmammaa bi dada, na yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn mfuo ne bobefuo asisi awowa ama afoforɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:5
10 Referencias Cruzadas  

Laban ka kyerɛɛ no se, “Woyɛ me dehye.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn ɔsram.


Momma yenyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfo aguadifo yi, sen sɛ yebekum no. Ɛdan dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa, yɛn ankasa yɛn mogya.” Ne nuanom no penee so.


Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro Awurade. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu sɛ nkoa.”


Adefo di ahiafo so, na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo.


Sɛɛ na Awurade se: “Ɛhe na awaregyae ho adansedi nhoma, nea migyinaa so gyaa no kwan no wɔ? Anaa sɛ mʼadefirifo mu hena na metɔn wo maa no? Wo bɔne nti na wɔtɔn wo; Wʼamumɔyɛ nti na wɔpam wo na.


So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena; na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?


Esiane sɛ na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmetua ka no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios