Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:11 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuw, bobeturo, ngodua mfuw ne wɔn afi ma wɔn. Muntua nsiho a mugyee wɔn wɔ sika, atoko, nsa ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no mma wɔn.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Ɛnnɛ ara monnane wɔn mfuo ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afie mma wɔn, ne sika ne aduane ne nsa ne ngo no ha mu abupɛn a mogyee no wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛnnɛ ara monnane wɔn mfuo ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afie mma wɔn, ne sika ne aduane ne nsa ne ngo no ha mu abupɛn a mogyee no wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:11
9 Referencias Cruzadas  

Ɛsɛ sɛ otua oguan bere no ka mmɔ ho anan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔbɔ biara.”


Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no.


Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so.


“Saa mmuadadi yi na mepɛ: sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasan konnua ahama, sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu konnua biara.


Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.


afi a nneɛma pa ahorow a ɛnyɛ mo na moyɛe ahyɛ no ma, mmura a ɛnyɛ mo na mututui, bobeturo a ɛnyɛ mo na moyɛe ne ngonnua a ɛnyɛ mo na muduae no so. Sɛ mudidi mee wɔ saa asase yi so a,


Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios