Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 5:1 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa bere no mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfo Yudafo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔman no ne wɔn yerenom nteamu kɛseɛ sɔre tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔman no ne wɔn yerenom nteamu kɛseɛ sɔre tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛberɛ yi mu mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfoɔ Yudafoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔman no ne wɔn yerenom nteɛm kɛse sɔre hyɛɛ wɔn nuanom Yudafo no,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 5:1
15 Referencias Cruzadas  

Saa bere no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fifo anaa mʼasomfo anaa awɛmfo a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔw ne ntade da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsu mpo a na yekurakura yɛn akode.


Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanim na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.


Awurade ka kyerɛɛ no se, “Mahu amanehunu a me manfo a wɔwɔ Misraim no wɔ mu no, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na minim wɔn ahohia.


Asafo Awurade bobeturo no yɛ Israelfi, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.


Asɛm no fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ bere a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadi no akyi.


“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo Awurade asɛm ni.


Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw Awurade afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn.


Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa?


Ade kyee no, ohuu sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom ana?’


Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios