Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:9 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, wɛn kurow no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na wɔn nti, yɛsisii awɛmfoɔ awia ne anadwo, wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpaeɛ, na wɔn nti, yɛsisii awɛmfoɔ awia ne anadwo, wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso, yɛbɔɔ yɛn Onyankopɔn mpaeɛ, wɛnee kuro no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, na wɔn nti, yesisii awɛmfo awia ne anadwo, wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:9
15 Referencias Cruzadas  

Ɔbarima no kae se, “Efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel. Efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nipa atentam, na woadi nkonim.”


Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”


Bere koro no ara mu no na yɛn atamfo nso reka se, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛatow ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awiei.”


Ɔsɛe aniferefo nhyehyɛe, ma wɔn nsa si fam.


Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe; ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa.


na momfrɛ me hiada; na megye mo na moahyɛ me anuonyam.”


Awurade ani wɛn nimdeɛ, na ɔsɛe ɔtorofo nsɛm.


Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw!”


Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”


Mo ani nna hɔ; monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔ mu hwehwɛ nea obenya no amene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios