Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:23 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Saa bere no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fifo anaa mʼasomfo anaa awɛmfo a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔw ne ntade da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsu mpo a na yekurakura yɛn akode.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfoɔ ne awɛmfoɔ a wɔdi m’akyire no, yɛanyiyi yɛn ntadeɛ, obiara kura n’akodeɛ wɔ ne nsa nifa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔ yɛn ntadeɛ da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na me ne me nuanom ne m’asomfo ne awɛmfo a wodi m’akyi no, yɛanyiyi yɛn ntade, obiara kura ne dade.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:23
8 Referencias Cruzadas  

Saa bere no meka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasu no akyi no nso se, “Obiara ne ne boafo ntu nkɔ Yerusalem anadwo na ama wɔatumi awɛn anadwo, na wɔayɛ adwuma awia.”


Saa bere no mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfo Yudafo no.


Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho.


Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.


Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu; obiara nantew kɔ nʼanim tee. Wobu fa abandennen so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.


Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛnea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.


Muntie nkuraa nnwontofo a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomee. Wɔkeka Awurade trenee nkonimdi, ne ne nkuraasefo nkonimdi wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apon ano.


enti odii nʼakofo anim kɔɔ Salmon Bepɔw so. Ɔfaa abonnua twaa mman bi fii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Ntɛm, nea mayɛ yi, monyɛ bi!”


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios