Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:18 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 na adansifo no mu biara wɔ afoa a ɛbɔ nʼataaso. Torobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na wɔn a wɔtoɔ no nyinaa bobɔ wɔn nkrantɛ wɔ wɔn asene na na wɔde retoɔ. Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na wɔn a wɔtoɔ no nyinaa bobɔ wɔn nkrantɛ wɔ wɔn asene na na wɔde retoɔ. Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Adansifoɔ no mu biara wɔ akofena a ɛbɔ nʼataaso. Totorobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na wɔn a wɔto no nyinaa bobɔ wɔn nkrante wɔ wɔn asen na wɔde to; na torobɛntohyɛnfo no wɔ me nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:18
6 Referencias Cruzadas  

Enti mede awɛmfo a wokura akode kɔtenaa baabi a ɔfasu no yɛ tia, wɔ mmeaemmeae a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuw no gyinagyinaa sɛ awɛmfo a, wokurakura afoa, mpeaw ne agyan.


na wɔreto ɔfasu no akyi. Apaafo no biara de ne nsa baako yɛɛ adwuma bere a nsa baako nso kura akode mu,


Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitiriw ne adwumayɛfo ne ɔmanfo no nyinaa se, “Adwuma no atrɛw, na yɛn ntam nso woware wɔ ɔfasu no so.


na ohu sɛ afoa reba abɛko atia asase no a, ɔhyɛn torobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ.


Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, Awurade, mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios