Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:15 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Bere a yɛn atamfo tee sɛ yɛahu wɔn atirimpɔw ne sɛnea Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔw no, yɛn nyinaa san kɔɔ ɔfasu no ho kɔtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na yɛn atamfoɔ no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa sane baa ɔfasuo no ho, bɛtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na yɛn atamfoɔ no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa sane baa ɔfasuo no ho, bɛtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ tee sɛ yɛahunu wɔn atirimpɔ ne sɛdeɛ Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔ no, yɛn nyinaa sane kɔɔ ɔfasuo no ho, kɔtoaa yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na yɛn atamfo no tee sɛ wɔabɛka akyerɛ yɛn no, Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa. Na yɛn nyinaa san baa ɔfasu no ho kokɔɔ yɛn adwuma so.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:15
13 Referencias Cruzadas  

Bere a obi ka kyerɛɛ Dawid se, afei de ne fotufo Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, ma Ahitofel afotu nnan nkwaseasɛm.”


Afei, Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa kae se, “Husai afotu no ye sen Ahitofel de no.” Efisɛ Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotu pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.


Na efi saa bere no, me mmarima no dodow mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkae no wɛn hɔ a wokurakura mpeaw, nkatabo, agyan, hyehyɛɛ akotade wɛn hɔ. Mpanyimfo no gyinagyinaa Yudafo no a


Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi ayɛ yiye atia Awurade.


nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo, nea otutu anyansafo adenim gu na ɔdan no nkwaseasɛm,


Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyɛɛ adwuma maa ne nkoa. Na ɔka kyerɛɛ ne ɔwɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba.


Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hyew wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛw nsom Awurade.


Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhama sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios