Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 4:11 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Bere koro no ara mu no na yɛn atamfo nso reka se, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛatow ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awiei.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na yɛn ahohiahiafoɔ no kaa sɛ: Mommma wɔnnte na wɔnnhunu kɔsi sɛ yɛbɛduru wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na yɛn ahohiafo no kae sɛ: Mommma wɔnnte na wonnhu nkosi sɛ yebedu wɔn mu akunkum wɔn ama adwuma no to atwa.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 4:11
10 Referencias Cruzadas  

Mɛto no wɔ bere a ɔbrɛ nti, nʼaba mu abu. Ɔne nʼakofo nyinaa bɛbɔ hu na wɔaguan. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe,


Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”


Yudafo a na wɔte bɛn atamfo no bɛbɔɔ yɛn amanneɛ mpɛn bebree se, “Wobefi afanan nyinaa abɛtow ahyɛ yɛn so.”


Nanso yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, wɛn kurow no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban.


Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, wɔhwɛ mʼanammɔntu, susuw sɛ wobekum me.


Amanehunu bɛto wo, na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ. Ɔhaw bi bɛba wo so a worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ; atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo bɛba wo so mpofirim.


Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kosi sɛ wobekum Paulo.


Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no bɛtetew no wɔ ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.”


Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios