Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfo no na odi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasu no ho. Hanania a ɔyɛ aduhuamyɛfo no na odi so. Wogyaw Yerusalem fa bi a ekosi Ɔfasu Tɛtrɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Deɛ ɛtoa wɔn so na Harhaia ba Usiel a ɔfiri sika adwumfoɔ mu no miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hanania, nnufrafoɔ ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kɔsii ɔfasuo tɛtrɛtɛ no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Deɛ ɛtoa wɔn so na Harhaia ba Usiel a ɔfiri sika adwumfoɔ mu no miamiaa mu. Deɛ ɛtoa ne so na Hanania, nnufrafoɔ ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kɔsii ɔfasuo tɛtrɛtɛ no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔdi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasuo no ho. Hanania a ɔyɛ aduhwamyɛfoɔ no na ɔdi so. Wɔgyaa Yerusalem fa bi a ɛkɔsi Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ne nkyɛn mu na Harhaia ba Usiel a ofi sika adwumfo mu no miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hanania, nnufrafo ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kosii ɔfasu tɛtrɛtɛ no so.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:8
6 Referencias Cruzadas  

Ɛno akyi no, Yosef maa ne duruyɛfo bɛhyɛɛ nʼagya Israel akyenkyennuru, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrensɛe. Enti oduruyɛfo no hyɛɛ no akyenkyennuru.


Nnwontofo a wɔto so abien no faa atifi kwan kohyiaa wɔn. Me ne ɔmanfo no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasu no so nam Fononoo Abantenten no ho kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no,


Awurade ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne yɛ mu yiye, sɛ wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho.


Sɛnea nwansena funu ma aduhuam yi nka bɔne no, saa ara na nkwaseasɛm kakraa bi boro nimdeɛ ne anuonyam so no.


Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkotow sɔre no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios