Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:16 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Bet-sur abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu de kosii Dawid adamoa ntentenso ne ɔtare a wɔyɛe no ho ara de kosii nnɔmmanin fi.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:16
18 Referencias Cruzadas  

Nsɛm a esisii Hesekia ahenni mu nkae no a ne tumidi ka ho, ne sɛnea ɔyɛɛ subun, twaa suka maa nsu baa kurow no mu no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?


Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.


Wosiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhuam ne sradehuam ho hua ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ ogyatannaa kɛse bi de hyɛɛ no anuonyam.


Afei, mefaa Asuti Pon no ho kosii Ɔhene Abura no ho, nanso na ɔkwan turodoo nni hɔ ma mʼafurum no.


Halohes babarima Salum ne ne mmabea na wosiesiee ɔfa a edi hɔ no. Ɔno na na otua Yerusalem mansin fa a aka no ano.


Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.


Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so.


Nea odi so yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansin fa bi ano no no, babarima Refaia.


Misisii nsukorae a mɛtwe nsu afi mu, de agugu nnua a ɛrenyin no so.


Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a akofo aduosia bɔ no kyidɔm; ade a ɛwɔ anuonyam pa ara wɔ Israel,


Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe, na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.


wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no, akwan bebree deda ne bammɔ mu woboaa nsu ano wɔ Ase Abura mu.


Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so.


“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ.


Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios