Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 3:11 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Esini bi nso na Harim ba Malkia ne Pahat-Moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Esini bi nso na Harim ba Malkia ne Pahat-Moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Deɛ ɔdi soɔ ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wɔkɔsiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasuo no fa bi ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Baabi nso, Harim ba Malkiya ne Pahat-moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 3:11
10 Referencias Cruzadas  

Harim asefo mu no: Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon.


Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812


Pahat-Moab asefo mu no: Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforo bi ahannu.


Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,


Harim, Meremot, Obadia,


Nnwontofo a wɔto so abien no faa atifi kwan kohyiaa wɔn. Me ne ɔmanfo no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasu no so nam Fononoo Abantenten no ho kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no,


Nea odi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a osiesiee ɔfasu no fa bi a ɛbɛn ne fi, na nea odi ne so ne Hasabnia babarima Hatus.


Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo 2,818


Nantew Sion na twa ho hyia, kan nʼabantenten dodow,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios