Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:18 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn. Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na meka kyerɛɛ wɔn me Nyankopɔn nsa a ɛyɛ wɔ me soɔ, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wɔkaa sɛ: Momma yɛnsɔre na yɛnsi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Afei, mekaa sɛdeɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene diiɛ no kyerɛɛ wɔn. Wɔbuaa prɛko pɛ sɛ, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasuo no bio!” Enti wɔhyɛɛ adwuma pa yi ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:18
10 Referencias Cruzadas  

Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfo nokwafo sɛ Yudafo a wɔasra me ngo sɛ minni wɔn so hene no.”


Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.


Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoduru nko nnye yɛn nkurɔfo ne yɛn Onyankopɔn nkurow. Awurade bɛyɛ nea eye wɔ nʼani so.”


Afei, Hesekia miaa ne bammɔ mu, osiesiee ɔfasu no baabiara a abubu no, na ɔtoo ɔfasu foforo kaa nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Ɔsan miaa bammɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no mu. Afei ɔyɛɛ akode ne nkatabo bebree.


Wodii Twam Afahyɛ aduan no, na wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛw baa ɔman no mmaa nyinaa, efisɛ Awurade sakraa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho ma ɔboaa wɔn sii Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, asɔredan no.


Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so.


Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu.


efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.


Na Saulo ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidi mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios