Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:16 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na kuropɔn no mu mpanyimfo nnim sɛ makɔ hɔ, na wonnim nea mereyɛ nso, efisɛ na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara ɛ. Na me ne asɔre mpanyimfo, amanyɛ ntuanofo, adwumayɛfo anaa mmapɔmma no mu biara nkasaa ɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na mmapɔmma no nnim deɛ mekɔeɛ ne deɛ meyɛeɛ. Na Yudafoɔ, asɔfoɔ, mmakoma, mmapɔmma ne nkaeɛ a wɔbɛyɛ adwuma no, na mennya menka menkyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na mmapɔmma no nnim deɛ mekɔeɛ ne deɛ meyɛeɛ. Na Yudafoɔ, asɔfoɔ, mmakoma, mmapɔmma ne nkaeɛ a wɔbɛyɛ adwuma no, na mennya menka menkyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na kuropɔn no mu mpanimfoɔ nnim sɛ makɔ hɔ, na wɔnnim deɛ mereyɛ nso, ɛfiri sɛ, na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara. Na me ne asɔre mpanimfoɔ, amanyɛ ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ anaa mmapɔmma no mu biara nkasaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na mmapɔmma no nnim nea mekɔe ne nea meyɛe, na Yudafo ne asɔfo ne mmakoma ne mmapɔmma ne nkae a wɔbɛyɛ adwuma no, minnya menka menkyerɛɛ wɔn ɛ, de abedu sesɛɛ.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:16
4 Referencias Cruzadas  

Enti mefaa Kidron Bon no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasu no ansa na meresan abɛfa Obon Pon no mu bio.


Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!”


Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.


Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios