Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:7 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mibeduu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adiwo dan bi ama Tobia no,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 na mebaa Yerusalem; na mebɛhunuu bɔne a Eliasib yɛeɛ wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Nyankopɔn fie abannwa soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na mebaa Yerusalem; na mibehuu bɔne a Eliasib yɛe wɔ Tobia ho, sɛ wasiesie pia ama no Onyankopɔn fi abangua so no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:7
8 Referencias Cruzadas  

Na Elioenai mmabarima din de Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.


Na Yudafo ntuanofo no baa me nkyɛn bɛkae se, “Israelfo bebree, na mpo, asɔfo ne Lewifo ntwee wɔn ho mfii nnipa afoforo bi a wɔte asase no so no ho. Wodi akyiwade a na Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo yɛ no akyi.


Da no ara, bere a wogu so rekenkan Mose Nhoma no, ɔmanfo no huu asɛm bi a ɛka se, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn aguabɔ ase.


adan adekoradan kɛse no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atoko afɔrebɔde, aduhuam, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atoko ntotoso du du, nsa foforo, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfo. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔde no yɛ Lewifo, nnwontofo ne aponanohwɛfo no de.


Ɔtamfo no de ne nsa too nʼademude nyinaa so; ohuu sɛ amanaman rehyɛn ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛn wʼasafo mu no.


Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios