Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:13 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, mmara no kyerɛkyerɛfo Sadok ne Lewifo no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na miyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nena sɛ wɔn boafo. Na saa mmarima yi wɔ din pa, na wɔn adwuma ne sɛ wɔde nokware bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfo Lewifo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ Sadok ne Lewifoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na meyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nana sɛ wɔn ɔboafoɔ. Na saa mmarima yi wɔ edin pa, na wɔn adwuma ne sɛ, wɔde nokorɛ bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na misisii akorade no so ahwɛfo: Ɔsɔfo Selemia ne Ɔkyerɛwfo Sadok ne Pedaia a ofi Lewifo mu no; na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, efisɛ wobu wɔn nokwafo, na wɔn na wɔkyekyɛ nneɛma no ma wɔn nuanom no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:13
20 Referencias Cruzadas  

Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree.


Nanso ɛho nhia sɛ adansi no sohwɛfo bebu sika a wɔn nsa bɛka no ho akontaa, efisɛ wɔyɛ nokwafo.”


Ade baako a wɔrehwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ obedi ne wura no nokware.


Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.


Bere bi akyi a na asuafo no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifo a wɔka Arameike ne Hebrifo a wɔka Hela kasa no ntam. Na Hebrifo a wɔka Hela no asɛm ne sɛ, Hebrifo a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafo yiye.


Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye.


Na adwuma no hwɛfo akontaabu biara ho anhia, efisɛ na wɔyɛ adwumayɛfo nokwafo.


Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a wɔasom.


Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.


brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛɛ sɛnea ɛho hia obiara.


Yesu buaa no se, “Merekasa akyerɛ ɔsomfo nokwafo nyansafo biara a ne wura de ne fi sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduan wɔ ne bere mu.


ne asɔfo no bi a wɔhyɛn torobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di.


Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.


Sakur, Serebia, Sebania,


Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so.


Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye sɛ ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan no mu.


Nanso afɔdi ne bɔneyɛ ho afɔrebɔde no de, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfo no sɛ wɔn kyɛfa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios