Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 13:12 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na bio, Yudafo nyinaa fii ase de wɔn atoko ntotoso du du, nsa foforo ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na bio, Yudafoɔ nyinaa hyɛɛ aseɛ de wɔn atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yuda nyinaa de awi ne nsa ne ngo ntotoso du du bae beguu akorade no mu.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 13:12
9 Referencias Cruzadas  

Ɔhyɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mfa nea wonya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfo no ne Lewifo no, sɛnea ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade Mmara no mu.


Nnipa no tiee no aso pa mu, na wofi koma pa mu de atoko, nsa foforo, ngo, ɛwo ne wɔn nnɔbae nkae mu nea edi kan nyinaa bae. Wɔde wɔn ahode biara mu ntotoso du du bae.


Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye.


“ ‘Asase no so nnɔbae nkyɛmu du mu baako, sɛ ɛyɛ aburow anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron.


Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduan mmra me fi. Monsɔ me nhwɛ wɔ saa ɔkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a, morennya baabi nkora ne nyinaa mpo,” sɛnea Asafo Awurade se ni.


“Onipa betumi abɔ Onyankopɔn korɔn ana? Nanso, mobɔ me korɔn! Na mubebisa se, ‘ɔkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔn?’ “Wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde mu.


Afe biara monhwɛ na munyi mo mfuw mu nnɔbae nkyɛmu du mu baako.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios