Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 12:8 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Lewifo a wɔne wɔn san wɔn akyi no ni: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfo na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na Lewifoɔ no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a ɔdi aseda nnwom no soɔ, ɔne ne nuanom,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Lewifoɔ no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a ɔdi aseda nnwom no soɔ, ɔne ne nuanom,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na Lewifo no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a odi aseda nnwom no so, ɔne ne nuanom,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 12:8
12 Referencias Cruzadas  

Nnwom ho nimdefo a na wɔn nso yɛ Lewifo atitiriw no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ dwuma foforo biara, esiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmere nyinaa nti.


Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ 74


Na Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafo fii ase siesiee Israel Nyankopɔn afɔremuka no, sɛnea wobetumi abɔ ɔhyew afɔre wɔ so, sɛnea wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara mu no.


Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano; Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.


Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.


Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.


Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo.


Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfo Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanim.


Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo 74


Lebana, Hagaba, Salmai asefo,


Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios