Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 11:6 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, na Peres asefoɔ ahanan ne aduosia nwɔtwe (468) a wɔdi mu no na na wɔte Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa si ahanan aduosia awotwe, wɔyɛ mmarima akokodurufo.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 11:6
5 Referencias Cruzadas  

Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres.


Abusua baako a wɔsan bae no yɛ Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefo.


Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu.


Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni: Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima;


Yuda asefo mmusua a edidi so yi: Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela; Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres; Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios