Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 1:3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ me se, “Nneɛma nkɔ yiye mma wɔn a wɔsan kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛse ne animguase aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem fasu no agu fam, na wɔahyew apon no nso.”

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 1:3
33 Referencias Cruzadas  

ɛno de, metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a matew ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aserewde wɔ nnipa nyinaa mu.


Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no.


Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no.


Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.


Yɛpɛ sɛ yɛma wo te sɛ, yɛkɔɔ beae a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu no. Abo sononko a wɔasiesie ne nnua na wɔde resi afasu no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.


Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,


Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no.


Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!”


nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.”


Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.


Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Ahasweros a odii amantam ɔha aduonu ason so, fi India kosi Etiopia no bere so.


Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo, fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


Onipa a onni ahohyɛso no te sɛ kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam.


Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase, na mede Yakob ama ɔsɛe na mede Israel ama ahohora.


Afei mɛka nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo: Meyi ho ban no afi hɔ, na wɔbɛsɛe no; mebubu ho ɔfasu, na wobetiatia so.


Mɛma wɔn ayɛ akyide ne mfomsode ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahohora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ akyiwade ne mmusu baabiara a mɛpam wɔn akɔ.


Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm betiw wɔn, na mɛyɛ wɔn atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase no so nyinaa, ne nnome ne ahodwiriwde, fɛwdi ne animtiaabude wɔ amanaman a mepam wɔn kɔɔ so no mu.


Babiloniafo no de ogya too ahemfi no ne nnipa no afi mu, na wodwiriw Yerusalem afasu no.


Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem so no, saa ara na sɛ, mokɔ Misraim a, mʼabufuwhyew behwie agu mo so. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbu ne ahohora; morenhu saa beae yi bio.’


“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no, nanso monnsɛe no koraa. Mompempan ne mman no, efisɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.


Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no.


Nʼamanehunu ne akyinkyinakyinkyin nna mu no, Yerusalem kae ademude nyinaa a na ɛwɔ no wɔ nna a atwa mu no mu. Ne nkurɔfo kɔtɔɔ ɔtamfo no nsa mu no, na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. Nʼatamfo de wɔn ani hwɛɛ no na wɔserew ne sɛe.


Nʼapon amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifo nnya anisoadehu a efi Awurade hɔ bio.


Awurade, woate wɔn ntwirii, wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,


Awurade, kae nea aba yɛn so; hwɛ, na hu yɛn animguase.


Mɛma mo nkurow ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohuam afɔrebɔ no.


Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa so, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkurow.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios